Abstract:
Dwumadie yi yε nhwehwεmu a εfa akyeame kasa wɔ dwumadie ahodoɔ ase no bi
mpɛnsɛmpɛnsɛmu. Nhwehwεmu yi twe adwene si nnwuma titire a akyeame di wɔ mmeaeɛ
ahodoɔ binom, kasasuo ahodoɔ binom a akyeame de di dwuma wɔ wɔn kasa mu ne
nsɛntitire a ɛda adi wɔ akyeame dwumadie mu. Mede sukyerε anaa nhwehwεmu a εnnyina
akontabudeε so na εyεε nhwehwεmu yi. Mefaa nnipa aduonum (50) na mede dii dwuma
yi, na menam anototoɔ anaa nkↄmmↄtwetwee nko ara so na menyaa nsεmmoano a mede
dii dwuma yi. Dwumadie yi mpεnsεmpεnsεmu nyinaa gyinaa ‘Relevance’ tiɔri so. Deε
εdaa adi wↄ nhwehwεmu yi mu ne sε, nyɛ ahemfie nko ara na akyeame tumu di dwuma,
na mmom mmeaeɛ bi te sɛ ayiase, awaregyeɛ ase, abadintoɔ ase, asɔre dan mu, akɔmfofie,
radio so ne T. V so nyinaa wɔtumi di wɔn nnwuma. Afei, ɛbɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu yi
mu sɛ, kasasuo a ɛtumi pue wɔ akyeame kasa mu no bi ne ɛbɛ, kasakoa, anihanehane,
ntotoho, nnyinahɔma, abodin, nnyegyeeɛ sɛ adwene, ne deɛ ɛkeka ho. Ne korakora no,
nhwehwɛmu yi daa no adi sɛ, nsɛntitire a ɛtumi pue wɔ akyeame dwumadie mu no bi ne
owuo, ɔdɔ, ayɔnkofa, nkabom, ahofama, nokwaredie, ne deɛ ɛkeka ho. Dwumadie yi bεboa
abↄ Akanfoↄ amammerε wↄ ɔkasa ho ban ɛfiri sɛ, nnipakuo biara amammerɛ gyina wɔn
kasa so.
Description:
Nhwehwɛmu dwumadie a ɛfiri Akan-Nzema, Faculty of Ghanaian Languages Education,
de kↄma School of Graduate Studies,
nam so ma manya abodin krataa
Master of Philosophy
(Ghanaian Language Studies-Twi)
afiri University of Education, Winneba.
KUTAWONSA, 2023