UEWScholar Repository

Nsunsuanso a Sarkodie kasahare Nnwom nya wɔ Atiefo so.

Show simple item record

dc.contributor.author Darkwah, G.F.
dc.date.accessioned 2025-02-17T15:15:33Z
dc.date.available 2025-02-17T15:15:33Z
dc.date.issued 2023
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4792
dc.description Mede dwumadi yi hyɛ Akan-Nzema Kasasua Asoɛe a ɛwɔ Simpa Suapɔn (UEW) nsa, na anam so akodu suapɔn ne fa a ɛhwɛ ‘Master’s’ adesua so hɔ, sɛnea ɛbɛboa ama manya abodin krataa wɔ “Master of Philosophy” mu afi Simpa Suapɔn mu. en_US
dc.description.abstract Dwumadi yi yɛ kwalitetif nhwehwɛmu a ɛfa ɔnwontoni Sarkodie kasahare nwom binom ho mpɛnsɛmpɛnsɛnmu. Dwumadi yi ahwɛ nsunsuanso a kasahare nnwom no nya wɔ atiefo so. Migyinaa nsɛmtiban ne kasasu ahorow a ɛda adi wɔ kasahare nnwom ahorow du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu no so hwɛɛ nsunsuanso pa a Sarkodie kasahare nnwom no nya wɔ atiefo so. Dwuma yi gyinaa Iser (1978) Ɔkenkanfo-Adwenkyerɛ Nnyinasosɛm so gyee akenkanfo anaa atiefo no adwenkyerɛ fa nsɛm a Sarkodie de di dwuma wɔ ne nnwom ahorow du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu no so. Nhwehwεmu yi de Praemari ne Sɛkɛndri nsɛmmoano nyinaa dii dwuma. Afei, migyinaa nhwehwεmu yi botae so de nyiyimu kwan a egyina botae so paw nnwom du a mede dii dwuma no, beae a meyɛɛ me nhwehwɛmu no ne nnipa a mede wɔn dii me dwuma no. Nhwehwɛmu no mu nsunsuanso de too gua sɛ nsɛmtiban binom a epue wɔ Sarkodie kasahare nnwom no mu bi ne bɔnefakyɛ, ɔdɔ, nwetaaso, anibere, anisɔ, kɛtɛasehyɛ, guasohantan ne ade. Kasasu bi nso te sɛ nnyegyei koro ntimu, ntimu, nnyinahɔma, sɛ-nipa, ɛbɛ, kasakoa ne ampɛ-mmuae nsɛmmisa yɛ kasasu ahorow bi a ɛda adi wɔ nnwom du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu yi. Nsunsuanso bi nso a ɛnam nsɛmtiban ne kasasu ahorow yi so ba atiefo no so bi ne nkuranhyɛ, afutusɛm, nkanyan, adwenkyerɛ ne adesrɛ. Nhwehwɛmu yi mu nsunsuanso da no adi sɛ kasahare nnwom no nyɛ ahuhunwom sɛnea animdefo binom susuw no. Mmom, ɛwɔ nsunsuanso pa a sɛ atiefo nya ntoboase tie a enya wɔ wɔn so. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Sarkodie en_US
dc.subject Nnwom en_US
dc.subject Atiefo en_US
dc.title Nsunsuanso a Sarkodie kasahare Nnwom nya wɔ Atiefo so. en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account