Abstract:
Dwumadi yi yɛ kwalitetif nhwehwɛmu a ɛfa ɔnwontoni Sarkodie kasahare nwom binom
ho mpɛnsɛmpɛnsɛnmu. Dwumadi yi ahwɛ nsunsuanso a kasahare nnwom no nya wɔ
atiefo so. Migyinaa nsɛmtiban ne kasasu ahorow a ɛda adi wɔ kasahare nnwom ahorow
du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu no so hwɛɛ nsunsuanso pa a Sarkodie kasahare nnwom
no nya wɔ atiefo so. Dwuma yi gyinaa Iser (1978) Ɔkenkanfo-Adwenkyerɛ Nnyinasosɛm
so gyee akenkanfo anaa atiefo no adwenkyerɛ fa nsɛm a Sarkodie de di dwuma wɔ ne
nnwom ahorow du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu no so. Nhwehwεmu yi de Praemari ne
Sɛkɛndri nsɛmmoano nyinaa dii dwuma. Afei, migyinaa nhwehwεmu yi botae so de
nyiyimu kwan a egyina botae so paw nnwom du a mede dii dwuma no, beae a meyɛɛ me
nhwehwɛmu no ne nnipa a mede wɔn dii me dwuma no. Nhwehwɛmu no mu nsunsuanso
de too gua sɛ nsɛmtiban binom a epue wɔ Sarkodie kasahare nnwom no mu bi ne
bɔnefakyɛ, ɔdɔ, nwetaaso, anibere, anisɔ, kɛtɛasehyɛ, guasohantan ne ade. Kasasu bi nso
te sɛ nnyegyei koro ntimu, ntimu, nnyinahɔma, sɛ-nipa, ɛbɛ, kasakoa ne ampɛ-mmuae
nsɛmmisa yɛ kasasu ahorow bi a ɛda adi wɔ nnwom du a mede yɛɛ me nhwehwɛmu yi.
Nsunsuanso bi nso a ɛnam nsɛmtiban ne kasasu ahorow yi so ba atiefo no so bi ne
nkuranhyɛ, afutusɛm, nkanyan, adwenkyerɛ ne adesrɛ. Nhwehwɛmu yi mu nsunsuanso da
no adi sɛ kasahare nnwom no nyɛ ahuhunwom sɛnea animdefo binom susuw no. Mmom,
ɛwɔ nsunsuanso pa a sɛ atiefo nya ntoboase tie a enya wɔ wɔn so.
Description:
Mede dwumadi yi hyɛ Akan-Nzema Kasasua Asoɛe a ɛwɔ Simpa Suapɔn (UEW)
nsa, na anam so akodu suapɔn ne fa a ɛhwɛ ‘Master’s’ adesua so hɔ,
sɛnea ɛbɛboa ama manya abodin krataa wɔ
“Master of Philosophy”
mu afi Simpa Suapɔn mu.