UEWScholar Repository

Nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ Amakye Dede ne Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu mpɛnsɛmpɛnsɛm.

Show simple item record

dc.contributor.author Anim, J.
dc.date.accessioned 2025-02-17T15:09:57Z
dc.date.available 2025-02-17T15:09:57Z
dc.date.issued 2023
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4791
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua So de kɔma “School of Graduates Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Language – Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi pɛnsɛmpɛnsɛm nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ Amakye Dede ne Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu. Dwumadie yi botaeɛ ne sɛ ɛhwɛɛ nsɛntitire a ɛda adi wɔ Amakye Dede ne Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu, kasasuo a wɔde dii dwuma wɔ wɔn nnwom no bi mu ne nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ wɔn adeyɛ su mu. Nsɛmmuafoɔ du na mede wɔn dii dwuma no. Nnipa dodoɔ a mede wɔn dii dwuma no mu nson yɛ mmarima ɛnna emu mmiɛnsa yɛ mmaa. Beaeɛ pɔtee a dwumadie yi kɔɔ so yɛ Asante Akyem Agogo ne Kumase Krofrom a ne nyinaa wɔ Asante Mantam mu. Mede Amakye Dede nnwom num ne Nana Tuffour nnwom num ne emu nsɛmmoano ahodoɔ na megyinaa so yɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu no. Mede Amammerɛ mu Afrafra (Cuitural Hybridity) adwenemusɛm na ɛdii dwuma yi. Owuo mmɔ nkaeɛ, ohia ne owuo sɛe abusua yɛ nsɛntitire a ɛdi nsɛ wɔ annwontofoɔ baanu no nnwom bi mu. Batatuo mu ɔhaw ne akwanhyia, awaregyaeɛ nnyɛ, anigyina, mmɔfrabɔnesɛm, bɔne fakyɛ, huammɔdie, nsiyɛ, ɔdɔ yɛ ade kɛseɛ ne ahofama ne nokorɛdie yɛ nsɛntitire bi a ɛbɔ abira wɔ annwontofoɔ baanu no nnwom no bi mu. Kasasu a ɛbɔ abira wɔ wɔn nnwom bi mu nso ne mmrane, nsawɔsoɔ, kasammrani, abirabɔ, anihanehane ne nsɛngorɔ. Kasasu a ɛdi nsɛ bi wɔ annwontofoɔ baanu no nnwom no bi mu ne nteamu, ntimu, sɛ-nipa, ntotohosɛm, nnyinahɔma, ampɛ-mmuaeɛ asɛmmisa, nnyegyeeɛ ne ɛnne nsisisoɔ. Ɛda adi sɛ annwontofoɔ baanu no adeyɛ su a ɛdi nsɛ ne sɛ, wɔde Afrobiiti (Afrobeat), ahoma nsia a wɔde bɔ mɛlɔdi sononko, tete ne abɛɛfo nnwenadeɛ a adi afra di wɔn dwuma wɔ haelaefo nnwom mu. Nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ wɔn nnwontoɔ adeyɛ su mu nso ne sɛ, Amakye Dede ɛnne a ɔde to nnwom mu yɛ duru ɛnna Nana Tuffour deɛ nso mu yɛ fakaa. Amakye Dede nnwom tɛmpo kɔ ntɛmntɛm ɛnna Nana Tuffour deɛ kɔ bɔkɔɔ. Afei mesusu sɛ, ɛwɔ sɛ asuafoɔ a wɔwɔ suapɔn mu bɛyɛ haelaefo nnwom ho nhwehwɛmu akɔ akyire na wɔatumi atintim nwoma ahodoɔ pii ama nkyirimma anya bi akenkan de apagye wɔn nimdeɛ wɔ nnwontoɔ mu daakye. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Nsedie en_US
dc.subject Amakye Dede en_US
dc.subject Nana Tuffour en_US
dc.subject Haelaefo en_US
dc.title Nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ Amakye Dede ne Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu mpɛnsɛmpɛnsɛm. en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account