Abstract:
Dwumadie yi pɛnsɛmpɛnsɛm nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ Amakye Dede ne
Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu. Dwumadie yi botaeɛ ne sɛ ɛhwɛɛ nsɛntitire a
ɛda adi wɔ Amakye Dede ne Nana Tuffour haelaefo nnwom no bi mu, kasasuo a wɔde
dii dwuma wɔ wɔn nnwom no bi mu ne nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda adi wɔ wɔn adeyɛ
su mu. Nsɛmmuafoɔ du na mede wɔn dii dwuma no. Nnipa dodoɔ a mede wɔn dii
dwuma no mu nson yɛ mmarima ɛnna emu mmiɛnsa yɛ mmaa. Beaeɛ pɔtee a
dwumadie yi kɔɔ so yɛ Asante Akyem Agogo ne Kumase Krofrom a ne nyinaa wɔ
Asante Mantam mu. Mede Amakye Dede nnwom num ne Nana Tuffour nnwom num
ne emu nsɛmmoano ahodoɔ na megyinaa so yɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu no. Mede
Amammerɛ mu Afrafra (Cuitural Hybridity) adwenemusɛm na ɛdii dwuma yi. Owuo
mmɔ nkaeɛ, ohia ne owuo sɛe abusua yɛ nsɛntitire a ɛdi nsɛ wɔ annwontofoɔ baanu no
nnwom bi mu. Batatuo mu ɔhaw ne akwanhyia, awaregyaeɛ nnyɛ, anigyina,
mmɔfrabɔnesɛm, bɔne fakyɛ, huammɔdie, nsiyɛ, ɔdɔ yɛ ade kɛseɛ ne ahofama ne
nokorɛdie yɛ nsɛntitire bi a ɛbɔ abira wɔ annwontofoɔ baanu no nnwom no bi mu.
Kasasu a ɛbɔ abira wɔ wɔn nnwom bi mu nso ne mmrane, nsawɔsoɔ, kasammrani,
abirabɔ, anihanehane ne nsɛngorɔ. Kasasu a ɛdi nsɛ bi wɔ annwontofoɔ baanu no
nnwom no bi mu ne nteamu, ntimu, sɛ-nipa, ntotohosɛm, nnyinahɔma, ampɛ-mmuaeɛ
asɛmmisa, nnyegyeeɛ ne ɛnne nsisisoɔ. Ɛda adi sɛ annwontofoɔ baanu no adeyɛ su a
ɛdi nsɛ ne sɛ, wɔde Afrobiiti (Afrobeat), ahoma nsia a wɔde bɔ mɛlɔdi sononko, tete
ne abɛɛfo nnwenadeɛ a adi afra di wɔn dwuma wɔ haelaefo nnwom mu. Nsonsonoeɛ a
ɛda adi wɔ wɔn nnwontoɔ adeyɛ su mu nso ne sɛ, Amakye Dede ɛnne a ɔde to nnwom
mu yɛ duru ɛnna Nana Tuffour deɛ nso mu yɛ fakaa. Amakye Dede nnwom tɛmpo kɔ
ntɛmntɛm ɛnna Nana Tuffour deɛ kɔ bɔkɔɔ. Afei mesusu sɛ, ɛwɔ sɛ asuafoɔ a wɔwɔ
suapɔn mu bɛyɛ haelaefo nnwom ho nhwehwɛmu akɔ akyire na wɔatumi atintim
nwoma ahodoɔ pii ama nkyirimma anya bi akenkan de apagye wɔn nimdeɛ wɔ
nnwontoɔ mu daakye.
Description:
Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho
adesua
So de kɔma “School of Graduates Studies”
Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me
Master of Philosophy
(Ghanaian Language – Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba