UEWScholar Repository

Ayie nkaebↄ ntwerԑeԑ ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu wↄ Sohyio Pragematese

Show simple item record

dc.contributor.author Boakye, S.
dc.date.accessioned 2025-02-17T12:57:11Z
dc.date.available 2025-02-17T12:57:11Z
dc.date.issued 2023
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4771
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua So de kɔma ―School of Graduates Studies‖ Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Language – Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba en_US
dc.description.abstract Nhwehwεmu yi yε deε εpεnsεmpεnsεn ayie krataa so ntwerɛeɛ a Akanfoↄ de bↄ nkaeɛ fa owufoↄ bi ho. Nhwehwεmu dwumadie yi botaeε yε mmiεnsa. Deε εdi kan kyerε ayie krataa so ntwerɛeɛ ahodoↄ no. Deε εtɔ so yε deɛ nti a abusua a wↄn dehyeɛ afiri mu no de ntwerɛeɛ yi di dwuma. Ɛna deε εtwa toɔ koraa yε nsunsuansoↄ a ntwerɛeɛ yi wↄ no akenkanfoↄ ne ayie no ankasa so. Nhwehwεmu yi kɔɔ so wɔ Asante mantam mu, nkuro a wɔfrε no Asokore ne Effiduase a ne nyinaa wↄ Sekyere Apueeɛ Mansini mu. Megyinaa nkorↄfoↄ adwenkyerε so na mede nyaa nsεm mmoano no de yεε mpεnsεmpεnsεmu yi. Akwan titire a megyinaa so nyaa nsɛm mmoano yi yɛ nkↄmmↄtwe ne ahwɛeɛ. Nkↄmmↄtwetwe no kↄↄ so wↄ akuokuo mu. Ayie nkrataa no nso boa ma menyaa ntwerɛeɛ ahodoↄ no de yɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu yi. Boateɛ a ɛgyina nyiyimu so na mede paw nnipa aduosia de yɛɛ nhwehwɛmu yi. Nnipa yi mu aduanan yɛ abusua a wↄahwere wↄn dehyeɛ, ayie agyinatufoↄ, ne nhemfo. Nnipa aduonu a aka no nso yɛ akenkanfoↄ a wↄkenkan ayie krataa so ntwerɛeɛ ahodoↄ wↄ mmↄtene so. Mmarima a mepaw wↄn dodoↄ yɛ aduanan na mmaa nso yɛ aduonu. Na wↄn mfeɛ no firi aduonu de kↄsi aduↄsonum so. Adwenemusεm a megyinaa so de yεε dwumadie yi mu mpεnsεmpεnsεmu yε Kasa Mfeefeemu Mpɛnsɛmpɛnsɛmu Adwenemusɛm (CDA) a Routledge Fairclough de baeɛ. Saa adwenemusεm yi boa dɔ ntwerɛeɛ anaa kasa mu sukↄ, na ɛnam so yi deɛ ahinta wↄ kasafoↄ anaa ↄtwerɛfoↄ bi nsɛm mu no adi. Nhwehwεmu yi daa no adi sɛ ayie krataa so ntwerɛeɛ yi gu nsɛmpↄtitire ahodoↄ sɛdeɛ wↄn nkyerɛkyerɛmu teɛ, yɛwↄ ntwerɛeɛ a ɛkyerɛ ahodwiri, Akanfoↄ gyidie a ɛfa owuo ho, Akanfoↄ gyidie a ɛwↄ Onyankopↄn mu, anisↄ, awerɛhoↄ, deɛ ɛkasa fa owuo tumi ho ne deɛ ɛkeka ho. Ntwerɛ ahodoↄ yi bɛboa atwe nnipa adwene asi Akanfoↄ gyidie ne wↄn amammerɛ ahodoↄ so. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Ayie en_US
dc.subject Nkaebo en_US
dc.title Ayie nkaebↄ ntwerԑeԑ ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu wↄ Sohyio Pragematese en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account