Abstract:
Nhwehwεmu yi yε deε εpεnsεmpεnsεn ayie krataa so ntwerɛeɛ a Akanfoↄ de bↄ nkaeɛ
fa owufoↄ bi ho. Nhwehwεmu dwumadie yi botaeε yε mmiεnsa. Deε εdi kan kyerε
ayie krataa so ntwerɛeɛ ahodoↄ no. Deε εtɔ so yε deɛ nti a abusua a wↄn dehyeɛ afiri
mu no de ntwerɛeɛ yi di dwuma. Ɛna deε εtwa toɔ koraa yε nsunsuansoↄ a ntwerɛeɛ yi
wↄ no akenkanfoↄ ne ayie no ankasa so. Nhwehwεmu yi kɔɔ so wɔ Asante mantam
mu, nkuro a wɔfrε no Asokore ne Effiduase a ne nyinaa wↄ Sekyere Apueeɛ Mansini
mu. Megyinaa nkorↄfoↄ adwenkyerε so na mede nyaa nsεm mmoano no de yεε
mpεnsεmpεnsεmu yi. Akwan titire a megyinaa so nyaa nsɛm mmoano yi yɛ
nkↄmmↄtwe ne ahwɛeɛ. Nkↄmmↄtwetwe no kↄↄ so wↄ akuokuo mu. Ayie nkrataa no
nso boa ma menyaa ntwerɛeɛ ahodoↄ no de yɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu yi. Boateɛ a ɛgyina
nyiyimu so na mede paw nnipa aduosia de yɛɛ nhwehwɛmu yi. Nnipa yi mu aduanan
yɛ abusua a wↄahwere wↄn dehyeɛ, ayie agyinatufoↄ, ne nhemfo. Nnipa aduonu a aka
no nso yɛ akenkanfoↄ a wↄkenkan ayie krataa so ntwerɛeɛ ahodoↄ wↄ mmↄtene so.
Mmarima a mepaw wↄn dodoↄ yɛ aduanan na mmaa nso yɛ aduonu. Na wↄn mfeɛ no
firi aduonu de kↄsi aduↄsonum so. Adwenemusεm a megyinaa so de yεε dwumadie yi
mu mpεnsεmpεnsεmu yε Kasa Mfeefeemu Mpɛnsɛmpɛnsɛmu Adwenemusɛm (CDA)
a Routledge Fairclough de baeɛ. Saa adwenemusεm yi boa dɔ ntwerɛeɛ anaa kasa mu
sukↄ, na ɛnam so yi deɛ ahinta wↄ kasafoↄ anaa ↄtwerɛfoↄ bi nsɛm mu no adi.
Nhwehwεmu yi daa no adi sɛ ayie krataa so ntwerɛeɛ yi gu nsɛmpↄtitire ahodoↄ sɛdeɛ
wↄn nkyerɛkyerɛmu teɛ, yɛwↄ ntwerɛeɛ a ɛkyerɛ ahodwiri, Akanfoↄ gyidie a ɛfa owuo
ho, Akanfoↄ gyidie a ɛwↄ Onyankopↄn mu, anisↄ, awerɛhoↄ, deɛ ɛkasa fa owuo tumi
ho ne deɛ ɛkeka ho. Ntwerɛ ahodoↄ yi bɛboa atwe nnipa adwene asi Akanfoↄ gyidie
ne wↄn amammerɛ ahodoↄ so.
Description:
Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho
adesua
So de kɔma ―School of Graduates Studies‖
Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me
Master of Philosophy
(Ghanaian Language – Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba