UEWScholar Repository

Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ mma din mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ Semantese ne Pragmatese kwan so

Show simple item record

dc.contributor.author Opoku-Adarkwah, P.
dc.date.accessioned 2025-02-17T12:54:22Z
dc.date.available 2025-02-17T12:54:22Z
dc.date.issued 2023
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4770
dc.description Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua so de kɔma “School of Graduates Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Language – Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba en_US
dc.description.abstract Nhwehwɛmu dwumadie yi hwɛɛ ɛnnɛ mmerɛ yi mu Akanfoɔ mma din mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ semantese ne pragmatese kwan so. Ɛtwe adwene si Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ mma din nhyehyɛeɛ so ne ne mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ semantese ne pragmatese kwan so. Bio, nnoɔma ahodoɔ a ɛrehyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ nkuran ma wɔtoto wɔn mma abɛɛfo din ne nsunsuansoɔ a saa edin ahodoɔ yi bɛtumi anya wɔ Akanfoɔ mma din so. Mede sukyerɛ anaa nhwehwɛmu a ɛnnyina akontabudeɛ so na ɛyɛɛ nhwehwɛmu yi. Mepaw nnipa aduosia (60) ɛnna menam ano nsɛmmisa ne anoyie nko ara so na menyaa nsɛmmoano a mede dii dwuma yi. Nhwehwɛmu dwumadie yi mpɛnsɛmpɛnsɛmu nyinaa gyina “Frame Semantics” tiɔri ne “Motivations for Naming” nnyinasosɛm so. Deɛ ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu dwumadie yi mu ne sɛ, Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ mma din no tumi pue baabiara wɔ mmɔfra no edin nhyehyɛeɛ mu. Bio, Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ a wɔto wɔn mma saa abɛɛfo din ahodoɔ yi tumi gyina botaeɛ so kyerɛkyerɛ edin no ase fekɔfekɔ ma nteaseɛ ba mu ma ɔkanni ba biara te aseɛ yie. Bio, ɛnnɛ yi, ɛnyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ yi nyinaa na ɛma wɔn mmaa abusuadin ɛnam saa abɛɛfo din yi nti. Ɛdaa adi wɔ dwumadie no mu sɛ, Akanfoɔ Abɛɛfo din baako tumi da mmɔfra bɛyɛ mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa so nanso wɔn mu biara nnyinasoɔ yɛ sononko koraa firi wɔn ho wɔn. Ɛda adi wɔ mpɛnsɛmpɛsɛmu no mu bio sɛ, nnoɔma ahodoɔ a ɛrehyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ nkuran ma wɔretoto wɔn mma saa edin ahodoɔ yi bi ne; ɔsom mu gyedie, mmɔfra no bɔbea ne wɔn ahosuo, kasa afoforɔ mu din nkyerɛaseɛ dɛ wɔ Akan kasa mu a wɔgyina so to Akanfoɔ abɛɛfo din, abakɔsɛm ahodoɔ a ɛtae awofoɔ no nyinsɛn ne wↄn abawoɔ akyi ne ade na ɛma wɔtoto wɔn mma saa abɛɛfo din ahodoɔ yi. Ne korakora no, ɛbɛtɔɔ dwa sɛ Akanfoɔ abɛɛfo din yi renya nsunsuansoɔ kɛseɛ pa ara wɔ Akanfoɔ mma din so, ɛne sɛ ɛnnɛ yi, Akanfoɔ mu dodoɔ no ara ani gye abɛɛfo din yi ho pa ara kyɛn kane din ahodoɔ a akeka no ho nam so ama ɛnnɛ yi, Akanfoɔ adehyedin anaa abusuadin ne kane Apɛntɛndin no mu dodoɔ no reyɛ ayera wɔ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ mu. Nhwehwɛmu dwumadie yi aboa ama atwe amanfoɔ adwene akɔ so, kwan a ɛnnɛ yi Akanfoɔ fa so to wɔn mma din yi a ɛreyɛ ama kane din a wɔdetoto wɔn no mpo reyɛ ayera wɔ Akanfoɔ mu. Yei ama yɛn ani aba yɛn ho so na yɛbɛsɔre waka abɔ ho dawuro na saa su yi anya nsunsuansoɔ bɔne wɔ Akanfoɔ mma din so ne wɔn amammerɛ a ɛfa dintoɔ ho. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Akanfoc en_US
dc.subject Mma en_US
dc.subject Din en_US
dc.title Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ mma din mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ Semantese ne Pragmatese kwan so en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account