Abstract:
Nhwehwɛmu dwumadie yi hwɛɛ ɛnnɛ mmerɛ yi mu Akanfoɔ mma din mu
mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ semantese ne pragmatese kwan so. Ɛtwe adwene si Akanfoɔ
nnɛɛmafoɔ mma din nhyehyɛeɛ so ne ne mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ semantese ne
pragmatese kwan so. Bio, nnoɔma ahodoɔ a ɛrehyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ nkuran ma
wɔtoto wɔn mma abɛɛfo din ne nsunsuansoɔ a saa edin ahodoɔ yi bɛtumi anya wɔ
Akanfoɔ mma din so. Mede sukyerɛ anaa nhwehwɛmu a ɛnnyina akontabudeɛ so na
ɛyɛɛ nhwehwɛmu yi. Mepaw nnipa aduosia (60) ɛnna menam ano nsɛmmisa ne anoyie
nko ara so na menyaa nsɛmmoano a mede dii dwuma yi. Nhwehwɛmu dwumadie yi
mpɛnsɛmpɛnsɛmu nyinaa gyina “Frame Semantics” tiɔri ne “Motivations for Naming”
nnyinasosɛm so. Deɛ ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu dwumadie yi mu ne sɛ, Akanfoɔ
nnɛɛmafoɔ mma din no tumi pue baabiara wɔ mmɔfra no edin nhyehyɛeɛ mu. Bio,
Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ a wɔto wɔn mma saa abɛɛfo din ahodoɔ yi tumi gyina botaeɛ so
kyerɛkyerɛ edin no ase fekɔfekɔ ma nteaseɛ ba mu ma ɔkanni ba biara te aseɛ yie. Bio,
ɛnnɛ yi, ɛnyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ yi nyinaa na ɛma wɔn mmaa abusuadin ɛnam saa
abɛɛfo din yi nti. Ɛdaa adi wɔ dwumadie no mu sɛ, Akanfoɔ Abɛɛfo din baako tumi da
mmɔfra bɛyɛ mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa so nanso wɔn mu biara nnyinasoɔ yɛ sononko
koraa firi wɔn ho wɔn. Ɛda adi wɔ mpɛnsɛmpɛsɛmu no mu bio sɛ, nnoɔma ahodoɔ a
ɛrehyɛ Akanfoɔ nnɛɛmafoɔ nkuran ma wɔretoto wɔn mma saa edin ahodoɔ yi bi ne;
ɔsom mu gyedie, mmɔfra no bɔbea ne wɔn ahosuo, kasa afoforɔ mu din nkyerɛaseɛ dɛ
wɔ Akan kasa mu a wɔgyina so to Akanfoɔ abɛɛfo din, abakɔsɛm ahodoɔ a ɛtae awofoɔ
no nyinsɛn ne wↄn abawoɔ akyi ne ade na ɛma wɔtoto wɔn mma saa abɛɛfo din ahodoɔ
yi. Ne korakora no, ɛbɛtɔɔ dwa sɛ Akanfoɔ abɛɛfo din yi renya nsunsuansoɔ kɛseɛ pa
ara wɔ Akanfoɔ mma din so, ɛne sɛ ɛnnɛ yi, Akanfoɔ mu dodoɔ no ara ani gye abɛɛfo
din yi ho pa ara kyɛn kane din ahodoɔ a akeka no ho nam so ama ɛnnɛ yi, Akanfoɔ
adehyedin anaa abusuadin ne kane Apɛntɛndin no mu dodoɔ no reyɛ ayera wɔ Akanfoɔ
nnɛɛmafoɔ mu. Nhwehwɛmu dwumadie yi aboa ama atwe amanfoɔ adwene akɔ so,
kwan a ɛnnɛ yi Akanfoɔ fa so to wɔn mma din yi a ɛreyɛ ama kane din a wɔdetoto wɔn
no mpo reyɛ ayera wɔ Akanfoɔ mu. Yei ama yɛn ani aba yɛn ho so na yɛbɛsɔre waka
abɔ ho dawuro na saa su yi anya nsunsuansoɔ bɔne wɔ Akanfoɔ mma din so ne wɔn
amammerɛ a ɛfa dintoɔ ho.
Description:
Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho
adesua so de kɔma “School of Graduates Studies”
Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me
Master of Philosophy
(Ghanaian Language – Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba