| dc.contributor.author | Amponsah, RAchel | |
| dc.date.accessioned | 2024-04-08T15:38:29Z | |
| dc.date.available | 2024-04-08T15:38:29Z | |
| dc.date.issued | 2021 | |
| dc.identifier.uri | http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3032 | |
| dc.description | Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapͻn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho adesua so de kͻma “School of Graduate Studies” Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapͻn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Languages-Twi) ɛwͻ University of Education, Winneba. OBUBUO, 2021 | en_US |
| dc.description.abstract | Dwumadie yi hwɛ sɛdeɛ Akanfoͻ ada mmͻfra adi wͻ wͻ abɛbuo mu ne subampa a ɛsom bo ma wͻn a wͻnam abɛbuo so de tete wͻn. Dwumadie yi ho abɛhia esiane sɛ, nhwɛhwɛmu a ɛfa mmͻfra nteteɛ ho no animdefoͻ nhyɛɛda mfaa wͻn adwene nkͻͻ so ne titire ne berɛ a yɛwͻ mu yi a akuokuo ahodoͻ kasa tia kwan a Abibiman fa so tea mmͻfra no. Dwumadie yi pɛnsɛmpɛnsɛm Akanfoͻ mmɛ aduͻwͻtwe-nsia (86) mu na dii dwuma yi. Menyaa mmɛ no bi wͻ nnwoma mu, sini mu na ɛbi nso firii amamfoͻ mede wͻn dii dwuma no nkyɛn. Nnipa dodoͻ a mede wͻn dii dwuma no yɛ edu-nsia (16). Ade titire pa ara ɛpue wͻ nhwehwɛmu yi mu ne sɛ, esiane adwene a Akanfoͻ wͻ fa mmͻfra ho no nti, wͻtea wͻn wͻ suban ahodoͻ a wͻda no adi a wͻnnye ntom ho. Mpɛn pii no, yɛka ɛbɛ ho asɛm a, adwene a ɛbɛ nnipa tirim ne anoteɛ ne amammerɛ. Meretwe nhwehwɛmufoͻ adwene asi sɛ, wͻbɛtumi ayɛ ɛbɛ ho nhwehwɛmu wͻ pragematese, semantese ne sentase kwanso. Yei bɛboa ama kasa no ho adesua nkͻgyina faako. | en_US |
| dc.language.iso | en | en_US |
| dc.publisher | University of Education, Winneba | en_US |
| dc.subject | Akanfoͻ abɛbuo | en_US |
| dc.subject | mmͻfra nteteɛ | en_US |
| dc.title | Akanfo} ab{buo a {fa mm}fra ntete{ ho mp{ns{mp{ns{mu | en_US |
| dc.type | Thesis | en_US |