UEWScholar Repository

Akuapem FϽnϽlϽgyi Nhyehyɛe Mu Bi

Show simple item record

dc.contributor.author Akoto, E
dc.date.accessioned 2023-01-24T14:17:27Z
dc.date.available 2023-01-24T14:17:27Z
dc.date.issued 2016
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/855
dc.description Mede dwumadi yi hyɛ Akan-Nzema Kasasua Asoɛe a ɛwɔ Simpa Suapɔn (UEW) nsa, na anam so akodu suapɔn ne fa a ɛhwɛ Masafo adesua so hɔ, sɛnea ɛbɛboa ma manya abodin krataa wɔ adwenemusɛm mu panyin afi Simpa Suapɔn mu. Ahinime, 2016 en_US
dc.description.abstract Dwumadi yi de Akuapem kasa nkorabata a ɛwɔ Akan mu fɔnɔlɔgyi nhyehyɛe mu bi to gua. Ne botae ne sɛ, edii dwuma no wɔ ntoto ho kwan so na ɛde Akuapem kasa nkyekyɛmu Ofie, Akwamu ne Kamena totoo ho hwɛɛ fɔnɔlɔgyi nsonsonoe ne nea ɛma ɔkasa nkorabata biako da nso fi ɔfoforo ho. Dwumadi yi gyina Nnyegyei Ahosodi Fɔnɔlɔgyi ne Ahyɛnsode Nsensan so hwɛɛ fɔnɔlɔgyi nsonsonoe a ɛda adi wɔ Akuapem mu. Dwumadi yi da no adi sɛ, anofafa bata dadamu-so-kɔ a ɛnam KUa/e nhyehyɛe so si wɔ Akan mu no, Ofie ka kɔnsonante no wɔ anofafa bata dadamu-so-kɔ kwan so sen Akwamu ne Kamena. Bio, dwumadi yi da no adi sɛ, kurukuruwa biakoyɛ da adi wɔ Akuapem mu ne titiriw wɔ Ofie mu. Ansa na eyi betumi asi no, gye sɛ, edinnsiananmu a edi dwuma sɛ ɔyɛfo no yɛ biakofo edinnsiananmu a ɛtɔ so abien /wʊ/, abiɛsa /ɔ/ ne dodow edinnsiananmu a ɛtɔ so abien /mʊ/. Dwumadi yi san da no adi sɛ, wɔ ɔdede nhyehyɛe mu no, agyanka S a ɛwɔ ɔdede edinnsiananmu ne ɔdede edin asɛmfua ntam no tene kɔ edin asɛmfua a ɛwɔ [+fam] baworo /a/ wɔ ne nsianim so wɔ Akwamu ne Ofie mu bere a edinnsiananmu no fa tuon agyamafa wɔ Ofie mu. Ɛsan tene kɔ baworo a edi kan wɔ edin asɛmfua no mu so wɔ bere a edinnsiananmu no fa tuon agyamafa wɔ Kamena mu. Dwumadi yi san da no adi sɛ, sɛ daakye kabea mɔɔfem /bέ/ tuon ne adeyɛ kuw II ne III a ne tuon nhyehyɛe yɛ FS hyia a, S a ɛwɔ daakye kabea mɔɔfem mu no tene koyi F a ɛwɔ asɛnsin a edi kan wɔ adeyɛ no so ma ɛbɛyɛ agyanka. Agyanka F no mfa fam gyina mma mmom ɛno nso tene koyi S a ɛtoa ne so (asɛnsin a etwa to) fi hɔ ma ɛkɔyɛ tuon agyanka wɔ Ofie Akuapem mu. en_US
dc.language.iso other en_US
dc.publisher University of Education,Winneba en_US
dc.subject Akuapem FϽnϽlϽgyi en_US
dc.title Akuapem FϽnϽlϽgyi Nhyehyɛe Mu Bi en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account