UEWScholar Repository

Akanfoɔ ntoma din ahodoϽ binom ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛgyina Mɔfɔlɔgyi ne Sentase nhyehyɛeɛ so

Show simple item record

dc.contributor.author Kusi, K.F
dc.date.accessioned 2023-01-24T13:58:14Z
dc.date.available 2023-01-24T13:58:14Z
dc.date.issued 2018
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/852
dc.description MPƐNSƐMPƐNSƐMU DWUMADIE A MEDE REMA SIMPA SUAPƆN NO FA A ƐWϽ AJUMAKO A ƐHWƐ KASA HO ADESUA SO NO FA A ƐHWƐ AKAN NZEMA KASASUA SOϽ. YEI YƐ AHIADEƐ A ƐBƐMA SUAPƆN NO AMA ME “MASTER OF PHILOSOPHY IN GHANAIAN LANGUAGE EDUCATION” ABƆDIN NO BI. AHINIME, 2018 en_US
dc.description.abstract Dwumadie a nhwehwεmu yi die ne sɛ ɛhwehwɛ Akan ntoma din ahodoɔ binom mu wɔ mɔfɔlɔgyi ne sentase akwan so. Nhwehwεmu dwumadie yi gyinaa botaeε ahodoɔ mmiεnsa so. Ɛmu baako ne sε, εbɛma yεahunu Akanfoɔ ntoma binom din abɔseε. Bio, εbɛma yεahunu ɔkasamu nhyehyεeε ahodoɔ a εwowɔ ntoma din mu. Ne korakora no, εbɛma yεahunu akwan ahodoɔ binom a yεbεtumi afa so abɔ yεn ntoma ahodoɔ ho ban. Nkyerεkyerεmu Akwankyerε so na ɔhwehwεmufoɔ no gyinaeɛ de yεɛ ne nsεmmoano ahodoɔ no mu mpεnsεmpεnsεmu. Ɔhwehwεmufoɔ no nam botaeε pɔtee (nyiyimu) so na ɛnyaa nsεmmoano ahodoɔ firii nnipa binom ne nwoma ahodoɔ binom mu de yεε ne dwumadie yi mu nhwehwεmu. Nhwehwεmu dwumadie no baa awieeε no, ɛmaa yɛhunuu no pefee sε ntomatɔnfoɔ ne ntoma nnwumakuo ahodoɔ no nam nsεmfua abɔseε ahodoɔ so nya din ma ntoma ahodoɔ. Bio kasamu tiawa, ɔkasamu mmɔho, ɔkasamu kuntann ne sentase dwumadie ahodoɔ a ntoma din tumi die da adi nso. Saa kasamu ahodoɔ yi mu bi tumi di dwuma sε asεnka, ɔhyε anaa asεmmisa. Nhwehwεmu no da no adi sε, ntoma din no nyinaa di dwuma sε edin asɛm wɔ sentase dwumadie nyinaa wɔ kasamu mu. Ɛsiane da no adi sε ntoma din no mu bi wɔ hɔ a wɔatwitwa so sεdeε εbεyε na ne ka nyε den. Bio, sɛ ntoma foforɔ bi ba dwa so a, Akanfoɔ de edin a ɛkura nsɛmfua mmienu anaa kasamu tiawa na ɛbɛto soɔ. en_US
dc.language.iso other en_US
dc.publisher University of Education,Winneba en_US
dc.subject Akanfoɔ ntoma en_US
dc.subject Ntoma din ahodoϽ en_US
dc.title Akanfoɔ ntoma din ahodoϽ binom ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu a ɛgyina Mɔfɔlɔgyi ne Sentase nhyehyɛeɛ so en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account