UEWScholar Repository

Akanfoɔ akɔmfodwom ne asɔredwom ntotoho

Show simple item record

dc.contributor.author Okyere, M
dc.date.accessioned 2023-01-24T13:49:30Z
dc.date.available 2023-01-24T13:49:30Z
dc.date.issued 2019
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/851
dc.description DWUMADIE YI YƐ NHWEHWƐMU A MEDE AMA SIMPA ASUAPƆN YI MU GHANA KASA AHODOƆ ASUAEƐ NO SƐ ADESUA A WƆGYINA SO MA ABODIN MASTER OF PHILOSOPHY AKAN KƆTƆNIMMA, 2019 en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi de n’ani sii so sɛ εde Akanfoᴐ akᴐmfodwom ne asᴐredwom bεtotoho na ada twaka ne nsonsonoeε a εda nnwom mmienu ntam adi. Akanfoᴐ akᴐmfodwom ne asᴐrwdwom no gyina hᴐ ma abosomsom ne kristosom wᴐ nhwehwεmu yi mu. Ԑsiane sε mentumi mfa Akanfoᴐ akᴐmfodwom ne asᴐredwom ahodoᴐ no nyinaa nyε nhwehwεmu no nti, mefaa Boᴐtwerewa akᴐmfodwom ne Mεtᴐdistfoᴐ nnwom (‘hymns’) yεε nyinasoᴐ. Mehwɛε Boᴐtwerewa akɔmfodwom ne Mεtᴐdistfoᴐ nnwom (“hymns”) mu kasasuo ahodoɔ bi, nnwom no nhyehyεeε ne ne toᴐ mu, na ɛmu na εdaa twaka ne nsonsonoeε a εda nnwom mmienu yi ntam adi. Dwumadie yi maa mehunuu sɛ, sε obi bɛte kasa bi ase yie na woakyerε n’adwene anaasɛ woayi ano, kasasuo di mu akotene pii. Yei akyi, megyinaa akenkan, nsrahwɛ ne nkɔmmɔdie ahodoɔ so na ɛdaa adi sɛ, Akanfoɔ akɔmfodwom ne asᴐredwom mu nsɛm de anigyeɛ, awerɛkyekyerɛ, nkanyan, ahosɛpɛ ne nkuranhyɛ brɛ ɛho atiefoɔ ne akenkanfoᴐ. Ԑnso hᴐ ara, Akanfoɔ akɔmfodwom ne asᴐredwom mu nsɛm sane da kristofoᴐ ne abosomsomfoᴐ gyidie, wᴐn amammerɛ ne amanneɛ adi, εkyerε kasa, abakɔsɛm, amanyɔ, subanpa ne subanmmɔne ahodoɔ a ɛkokɔ so ɛnnɛ mmerɛ yi mu. Yei kyerɛ sɛ, Akanfoɔ akɔmfodwom ne Mεtᴐdistfoᴐ nnwom nyinaa mu nsɛm da abrabɔ ne asetena mu osuahunu adi. en_US
dc.language.iso other en_US
dc.subject Akanfoɔ akɔmfodwom en_US
dc.subject asɔredwom ntotoho en_US
dc.title Akanfoɔ akɔmfodwom ne asɔredwom ntotoho en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account