| dc.description.abstract |
Dwuma yi yε nhwehwεmu a εyɛ adesua a ɛfa amanneɛ a ɛwͻ Asantefoɔ amammerɛ no mu
baako a ɛyɛ ayiyɛ. Nhwehwɛmu yi twe adwene si nneɛma a Akanfoͻ de yɛ adesiedeɛ ne
sɛnti a wͻde saa nneɛma no yɛ adesiedeɛ, ɛnne nsakraeɛ a aba kane adesiedeɛ ne ɛnnɛ
mmerɛ yi mu adesiedeɛ nneɛma mu. Mede sukyerε anaa nhwehwεmu akwankyerɛ a
εnnyina akontabudeε so na εyεε nhwehwεmu yi. Mefaa nnipa aduasa (30) na mede dii
dwuma yi na nhwehwɛmu yi kɔɔ so wɔ Asante Mantam nkuro ahodoͻ a ɛyɛ Ꜫfiduase,
Asͻkͻre, Dwaben ne Asukͻkͻͻ a ne nyinaa wͻ Sɛkyerɛ Apueeɛ Mansini mu. Mefaa
anototoɔ anaa nkↄmmↄtwetwee kwan nko ara so na menyaa nsεmmoano a mede dii dwuma
yi. Dwumadie yi mpεnsεmpεnsεmu nyinaa gyinaa ‘Saussure (1983) adwenemusɛm
“Semiotics” so. Deɛ ɛbɛdaa adi wɔ adwuma yi mu ne sɛ, Akanman mu sɛ onipa bi wu a,
na ɔnwuiiɛ, na mmom wɔwɔ gyidie sɛ ɔrekɔ kuro foforɔ so a wɔfrɛ no Asamando a
nananom adi kan wɔ hɔ na ɛte sɛ ɔman a deɛ yɛyɛ no wɔ asase yi so no, saa ara pɛpɛɛpɛ na
wɔyɛ no hɔ. Ne saa nti no, nneɛma a yɛhia no wɔ asase yi so no, owufoɔ a yɛregya no kwan
nso hia saa nneɛma yi na ɔde akɔtoa n’abrabɔ so. Ꜫnam wei so nti na Akanfoͻ de nneɛma
bi te sɛ sapͻ, samina, toobɛtɛ, towuro, ankaatwadeɛ, bͻbrapa bokiti, nkuto, pawoda ne deɛ
ɛkeka ho dware owufoͻ bi no na amma wamfa sɛbe honam a nka wͻ mu ankͻpue Nananom
anim. Bio, ɛbɛtͻͻ dwa wͻ nhwehwɛmu yi mu sɛ, Akanfoͻ nneɛma bi te sɛ sika, pɛtia, duku,
ntoma, hyenaapo, bommo, ne deɛ ɛkeka ho gya owufoͻ bi kwan na wanya bi ada so de bi
akͻbͻ n’amanneɛ wͻ Nananom anim. Ne korakora no, ɛdaa adi wͻ nhwehwɛmu yi mu sɛ,
nneɛma a kane no na Akanfoͻ de yɛ adesiedeɛ no nsakraeɛ pii aba mu a deɛ ɛdi akotene
wͻ mu ne sikasɛm ne akansie a aba adesiedeɛ mu no. Dwumadie yi bεboa akenkanfoɔ ama
wɔahunu Akanfoↄ amammerε a ɛfa adesiededɛ ho, nkanka ne mmabunu no. Wɔbɛhunu
nsakraeɛ a aba kane Akanfoͻ adesiedeɛ nneɛma ne nnɛ mmerɛ yi deɛ mu. |
en_US |