Abstract:
Saa dwumadi yi fa sԑnea Adeisofo de kasa di dwuma ne nea ahyԑ Adeisofo nkuran ma
wↄn asua Nkran kasa a wↄn akasafo no sua wↄ Adeiso kurow no mu no. Dwumadi yi
botae ne sԑ ԑbԑhwԑ mmeae ahorow ne kasa a wↄde di dwuma wↄ Adeiso, nea ahyԑ
Adeisofo no bi nkuran ma wↄn asua Nkran kasa no ne nsunsuanso a Nkran kasa no anya
wↄ Adeisofo kasa so. Ԑde nkↄmmↄtwetwe, nsԑmmisa a egu krataa so ne ahwԑe na
ԑboaboaa nsԑm ano bere a ɛgyinaa nyiyimu so paw na mede mepaww nnipa ahanu de
wↄn dii dwuma no. Mepaww nnipa ↄha ne du fii mmeae a ԑnyԑ Nkranfo no atenae wↄ
Adeiso ne nnipa aduokrↄn nso fii mmeae a ԑyԑ Nkranfo no atenae. Saa nnipa yi bi yԑ
Akanfo a wↄn dodow yԑ aduosↄn anum, Ayigbefo nso yԑ aduosia akron, Nkranfo yԑ
aduasa ason na wↄn a aka no nso a wↄka kasa foforo no yԑ du akron. Saa nnipa yi bi yԑ
adikro, ↄkyeame, ahemfie mpanyimfo, asↄre mu baanodifo, aban adwumayԑfo,
aguadifo, nsanodwumayԑfo, akuafo ne asukuufo. Nea ԑdaa adi wↄ dwumadi yi mu ne
sԑ Akan kasa no nnyeraa ne dibea sԑ Lingua Franca de, nanso Nkran kasa no abↄ ne ho
mmↄden akↄ n’anim. Ԑnnyԑ sԑ wↄde di dwuma wↄ afie mu nko, na mmom akↄ sԑ wↄde
di dwuma wↄ mantam, guaso ne nsↄre kakra bi mu. Afei nso Nkran kasa yi aboa ma
aguadi atu mpↄn na ԑde nkitahodi mapa abԑto nnipa no ntԑm. Dwumadi yi bԑboa atwe
amanfo adwen asi akwan ahorow a kasa a wↄn akasafo sua nam so bԑkora wↄn kasa so.
Description:
Mede mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadi yi maa
Simpa Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ ɔkasa ho adesua so no nkorabata a ɛhwɛ
Akan-Nzema Kasasua so wɔ Simpa Suapɔn mu
Eyi bɛboa ama ɛnam so bɛma Suapɔn no ama me adesua mu abodin a ɛyɛ
“Master of Philosophy”
(Ghanaian Languages Studies-Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba