UEWScholar Repository

Sԑnea adeiso de kasa di dwuma ne nea ahyԑ wϽn nkuran ma wϽn asua nkran kasa no.

Show simple item record

dc.contributor.author Abowie, S.E.
dc.date.accessioned 2025-02-17T15:19:08Z
dc.date.available 2025-02-17T15:19:08Z
dc.date.issued 2024
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4793
dc.description Mede mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadi yi maa Simpa Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ ɔkasa ho adesua so no nkorabata a ɛhwɛ Akan-Nzema Kasasua so wɔ Simpa Suapɔn mu Eyi bɛboa ama ɛnam so bɛma Suapɔn no ama me adesua mu abodin a ɛyɛ “Master of Philosophy” (Ghanaian Languages Studies-Twi) ɛwɔ University of Education, Winneba en_US
dc.description.abstract Saa dwumadi yi fa sԑnea Adeisofo de kasa di dwuma ne nea ahyԑ Adeisofo nkuran ma wↄn asua Nkran kasa a wↄn akasafo no sua wↄ Adeiso kurow no mu no. Dwumadi yi botae ne sԑ ԑbԑhwԑ mmeae ahorow ne kasa a wↄde di dwuma wↄ Adeiso, nea ahyԑ Adeisofo no bi nkuran ma wↄn asua Nkran kasa no ne nsunsuanso a Nkran kasa no anya wↄ Adeisofo kasa so. Ԑde nkↄmmↄtwetwe, nsԑmmisa a egu krataa so ne ahwԑe na ԑboaboaa nsԑm ano bere a ɛgyinaa nyiyimu so paw na mede mepaww nnipa ahanu de wↄn dii dwuma no. Mepaww nnipa ↄha ne du fii mmeae a ԑnyԑ Nkranfo no atenae wↄ Adeiso ne nnipa aduokrↄn nso fii mmeae a ԑyԑ Nkranfo no atenae. Saa nnipa yi bi yԑ Akanfo a wↄn dodow yԑ aduosↄn anum, Ayigbefo nso yԑ aduosia akron, Nkranfo yԑ aduasa ason na wↄn a aka no nso a wↄka kasa foforo no yԑ du akron. Saa nnipa yi bi yԑ adikro, ↄkyeame, ahemfie mpanyimfo, asↄre mu baanodifo, aban adwumayԑfo, aguadifo, nsanodwumayԑfo, akuafo ne asukuufo. Nea ԑdaa adi wↄ dwumadi yi mu ne sԑ Akan kasa no nnyeraa ne dibea sԑ Lingua Franca de, nanso Nkran kasa no abↄ ne ho mmↄden akↄ n’anim. Ԑnnyԑ sԑ wↄde di dwuma wↄ afie mu nko, na mmom akↄ sԑ wↄde di dwuma wↄ mantam, guaso ne nsↄre kakra bi mu. Afei nso Nkran kasa yi aboa ma aguadi atu mpↄn na ԑde nkitahodi mapa abԑto nnipa no ntԑm. Dwumadi yi bԑboa atwe amanfo adwen asi akwan ahorow a kasa a wↄn akasafo sua nam so bԑkora wↄn kasa so. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Senea en_US
dc.subject Adeiso en_US
dc.title Sԑnea adeiso de kasa di dwuma ne nea ahyԑ wϽn nkuran ma wϽn asua nkran kasa no. en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account