dc.description.abstract |
Dwumadie yi yεε Akanfoɔ abεbuo mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu faa mmɛ ahodoɔ a Akanfoɔ bu fa
dɛmdie ne nyarewa binom ho. Ɛhwεε sεdeε Akanfoɔ hunu dɛmdie ne nyarewa mmε
ahodoɔ wɔ wɔn ankasa amammerɛ ne amanneɛ kwan so, nsεntitire ahodoɔ bi a ɛda adi wɔ
saa mmε yi mu, ne berε ne beaeε ahodoɔ binom a Akanfoɔ tumi de mmε ahodoɔ no di
dwuma. Megyinaa adwenemusεm ‗conceptual metaphor Theory’ so na εyεε
mpεnsεmpεnsεmu yi. Nnipakuo pɔtee a mede wɔn dii dwuma yi yɛ du (10) a na wɔadi
mfeɛ aduonum kɔsi aduɔson num. Beaeɛ pɔtee a dwumadie yi kɔɔ so yɛ Manso nkuro
Ankam, Abɔre, Adubea, Agorɔyɛsum ne Nkwanta a εwɔ Asante Mantam no Mansini
Atɔeɛ ne Anaafoɔ mu. Nhwehwɛmu yi nam Praemiri ne Sɛkɛndri nsɛmmoano so na ɛnyaa
ɛmu nsɛmmoano. Wɔ Praemiri kwan so no, megyinaa nkɔmmɔtwetwe a me ne me
nsԑmmuafoɔ no twetweeε, nhwɛeɛ ahodoɔ ne me nimdeԑ wɔ Akan kasa no mu so. Menyaa
me Sεkεndri nsεmmoano no firii nwoma ahodoɔ mu. Mmoanosԑm no daa no adi sԑ,
dɛmdie ne nyarewa mmɛbuo mu nsɛntitire, berɛ ne beaeɛ ahodoɔ binom a wɔde mmɛ yi di
dwuma nyinaa mu no, Akanfoɔ kyerɛ mu wɔ wɔn ankasa amammerɛ ne amanneɛ kwan so
a botaeɛ no nyɛ animtiabuo ne fɛwdie. |
en_US |