Abstract:
Dwumadie yi yɛ kasa nsesaeɛ ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ sohyio-pragemateke kwan so.
Mepɛnsɛmpɛnsɛm kasa nsesaeɛ a ɛda adi wɔ Akan asuafoɔ a wɔwɔ University of
Education, Winneba- Ajumako Campus (UEW-AC) adesuakuo dwumadie mu. Ɛnam
sɛ adesuakuo dwumadie no yɛ nea ɛnkɔ so wɔ adesua dan mu nti, asuafoɔ no wɔ
akwanya sɛ wɔde kasa biara a wɔsusu sɛ ɛbɛma wɔn ho ahare wɔn bɛdi dwuma.
Botaeɛ titire a ɛtaa dwumadie yi akyi ne sɛ ɛhwɛ nea nti a Akan asuafoɔ a wɔwɔ
UEW-AC no sesa wɔn kasa wɔ wɔn adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu, kasa nsesaeɛ a ɛda
adi wɔ Akan asuafoɔ no adesua mpɛnsɛmpɛnsɛmu ne ɛso nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ wɔn
adesua ne wɔn ayɔnkofa so. Nsɛmmoano no nyinaa yɛ nea ɛfirii wɔn adesua
mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu. Menam ahwɛeɛ ne nkɔmmɔtwetweɛ so na faa nsɛmmoano
ahodoɔ no. Na afei mede nsɛmmoano ahodoɔ no toto Myers-Scotton, (1993) ahyɛnso
tiɔre (markedness theory) a ɛkasa fa ɔkwan a yɛfa so hunu sɛ kasa pɔtee bi na fata sɛ
ɔkasafoɔ bi de dwuma wɔ berɛ pɔtee bi mu. Afei nso ɛkasa fa ɔkasafoɔ no adwene ne
nsunsuansoɔ a asɛm bi nya wɔ atiefoɔ no so. Mede dwumadie yi hwɛɛ ɔkwan a kasa
nsesaeɛ ho tumi ba mfasoɔ wɔ akasafoɔ a wɔka kasa korɔ nkitahodie mu. Ɛda adi sɛ
Akan asuafoɔ yi a wɔwɔ UEW-AC no de kasa nsesaeɛ di dwuma wɔ wɔn adesua
mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu. Wɔde di dwuma sɛnea ɛbɛboa ama wɔate wɔn adesuadeɛ
ahodoɔ no ase yie. Afei nso, ɛboa ma wɔtumi yɛ nneɛma bi te sɛ ntimu, nsiesie ne
ɛkeka ho. Akan ne Borɔfo kasa nsesaeɛ na ɛda adi titire, na ɛtumi yɛ ɔkasamu ahyeɛ
so, ɔkasamu mfimfini anaa ɔkasamu nkekaho. Dwumadie yi ho wɔ mfasoɔ firi sɛ
ɛbɛtumi ayɛ nnyinasoɔ ama wɔn awɔyɛ nwomasua ho nhyehyɛeɛ wɔ ɔman no mu no
atwe wɔn adwene akɔ saa adeyɛ yi so sɛnea yɛbɛtumi de adi dwuma wɔ kwan pa so.
Description:
Mpɛnsɛmpɛnsɛmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn ne fa a ɛhwɛ Akan-Nzema kasa ho
adesua
So de kɔma “School of Graduates Studies”
Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me
Master of Philosophy
(Ghanaian Language – Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba