UEWScholar Repository

ETIRE ASƐM ROMAN KATEREKE ASƆRENNWOM NE AKƆMFONNWOM NTOTOHO

Show simple item record

dc.contributor.author Peprah, J.
dc.date.accessioned 2024-08-07T09:48:08Z
dc.date.available 2024-08-07T09:48:08Z
dc.date.issued 2022
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/4191
dc.description Mede dwumadie yi hyɛ Akan kasasua asoɛeɛ a ɛwɔ Simpa Suapɔn (uew) nsa na ɛnam so akɔduru suapɔn no fa a ɛhwɛ masatafoɔ adesua so, sɛdeɛ ɛbɛboa ama manya abodin krataa wɔ adwenemusɛm mu panin (Master of Philosophy) afiri Simpa Suapɔn mu en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi nnyinasoɔ ne sɛ Roman Katereke asɔrennwom ne Akanfoɔ akɔmfonwom bɛtoto ho ama yɛahunu ɛmu biara nhyehyɛeɛ, nsɛntitie, kasasu ahodoɔ, nsɛdie ne abirabɔ. Roman Katereke asɔrennwom gyina hɔ ma Kristosom wɔ nhwehwɛmu yi mu na Akanfoɔ akɔmfonwom nso yɛ ɔkwan a yɛfa yɛn amammerɛ ne amanneɛ so som Nyame. Mede nkuro mmienu, Tanɔboase a ɛwɔ Takyiman Apueɛ Mansini wɔ Bono Apueɛ Mantam mu ne Akyerensua a ɛwɔ Asutifu Anaafoɔ Mansini wɔ Ahafo Mantam mu na ɛyɛɛ me nhwehwɛmu dwumadie no. Akanfoɔ abosonsom gu ahodoɔ nti mefaa Tanɔ akɔmfonnwom na ɛyɛɛ nhwehwɛmu no. Saa ara nso na mede Roman katerennwom no agyina hɔ ama asɔrennwom. Me nhwehwɛmu dwumadie yi yɛ Roman Katereke asɔrennwom ne akɔmfonnwom ntotoho wɔ nhyehyɛeɛ, nsɛntitire, kasasu ahodoɔ, nsɛdie ne abirabɔ. Yei nti dwumadie yi ma yɛhunu kasasu ahodoɔ pii abɔseɛ a yɛde di dwuma wɔ Roman Katereke asɔrennwom ne Akanfoɔ akɔmfonnwom mu a ɛma anigyeɛ, awerɛkyekyerɛ, nkanyan, ahosɛpɛ, ahurusie ne nkuranhyɛ ma asomfoɔ, atiefoɔ ne akenkanfoɔ wɔ yɛn Nyamesom mu. Kasasu ahodoɔ a, ɛdaa adi wɔ me nhwehwɛmu dwumadie yi mu nso yɛ du(10). Yeinom ne abodin ne mmrane, abɛbuo, anihanehane, nnyinahɔma, nteamu, kasakoa, sɛ-nipa, ntotohosɛm, abirabɔ ne ntimu. Nsɛdie ne abirabɔ a ɛwɔ som mmienu yi mu nnwom nso bɛboa yɛn ama yehunu sɛ nhyehyɛ, nsɛntitire ne kasusu ahodoɔ a ɛdi akotene wɔ mu no biara yɛ pɛ anaa nyɛ pɛ sɛdeɛ ɛde nteaseɛ bɛba som mmienu yi ntam. Som mmienu yi mu nnwom yɛ aduonu (20). Roman katerekennwom no yɛ ahodoɔ du (10) na Akɔmfonnwom nso yɛ du (10) saa ara. Roman Katereke asɔrennwom ne Akanfoɔ akɔmfonnwom mu nsɛm da akristofoɔ ne abosonsomfoɔ gyidie, abakɔsɛm, amammerɛ ne amanneɛ, kasa, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, amanyɔ, suban pa ne subammɔne ne nkaeɛ ada adi ɔwɔ ɛnnɛ mmerɛ yi mu. Yei kyerɛ sɛ, Roman Katereke asɔrennwom ne Akanfoɔ akɔmfonnwom nyinaa da abrabɔ ne asetena mu nimdeɛ ne suahunu adi wɔ yɛn Nyamesom mu. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject ROMAN en_US
dc.subject KATEREKE en_US
dc.subject ASƆRENNWOM en_US
dc.title ETIRE ASƐM ROMAN KATEREKE ASƆRENNWOM NE AKƆMFONNWOM NTOTOHO en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account