UEWScholar Repository

Semanteks mpԑnsԑmpԑnsԑmu fa Akan adeyԑ, nom, we, tafere ne gu ho

Show simple item record

dc.contributor.author Antwi, B. A.
dc.date.accessioned 2024-05-09T12:45:57Z
dc.date.available 2024-05-09T12:45:57Z
dc.date.issued 2020
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3469
dc.description Nhwehwɛmu dwumadi a efi Akan-Nzema, Faculty of Ghanaian Languages Education, de kɔma School of Graduate Studies, nam so ma manya abodin krataa Master of Philosophy (Ghanaian Language Studies - Twi) afiri University of Education, Winneba. OBUBUO, 2020 en_US
dc.description.abstract Nhwehwɛmu dwumadi yi yɛ semanteks mpɛnsɛmpɛnsɛnmu fa Akan adeyɛ; nom, we, tafere ne gu. Dwumadi yi botae ne sɛ ɛbɛhwɛ nnuru pɔtee a nsɛmfua yi mu biara fa, nkyerɛase ankasa a nsɛmfua no mu biara de to gua ne asetena mu nneɛma afoforo bi a etumi gyina hɔ ma wɔ Akan kasa mu. Megyinaa ‘Conceptual Metaphor Theory’ a Lakoff ne Johnson daa no adi 1980 mu no so na ɛyɛɛ nsɛm no mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ dwumadi yi mu. Menyaa nhwɛso a mede yɛɛ adwuma yi fii kasadwini nhoma ahorow a wɔatintim no Akan kasa mu, Akuapemfo binom nkyɛn ne nimdeɛ a m’ankasa mewɔ wɔ Akuapem kasa no mu. Dwumadi yi da no adi sɛ asɛmfua nom, we, tafere ne gu mu biara wɔ nnuru pɔtee a ɛfa anaasɛ yɛde bata ho de kyerɛ sɛnea yɛdekɔ nnipadua no mu wɔ Akan kasa mu. Dwumadi yi san da no adi sɛ yetumi de saa nsɛmfua yi yɛ adwuma akwan foforo so de gyina hɔ ma asetena mu nneɛma ahorow bi te sɛ nna ho nkitahodi, yawdi, anigyedi, nhomasua, ahonyade a obi nya, ade a obi sɛe ne nea ɛkeka ho. Dwumadi yi si Agyepong, Amfo ne Osam (2017) nhwehwɛmu no so dua sɛ yetumi de asɛmfua nom ne nsɛmfua afoforo di dwuma akwan so de gyina hɔ ma asetena mu nneɛma ahorow. Dwumadi yi boa Akanfo ne wɔn a wɔnyɛ Akanfo nyinaa ma nimdeɛ a wɔwɔ fa sɛnea yɛde nsɛmfua yi di dwuma nnuru mu ne asetena mu nneɛma afoforo a egyina hɔ ma no kɔ nkan. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education, Winneba en_US
dc.subject Semanteks en_US
dc.subject Akan en_US
dc.title Semanteks mpԑnsԑmpԑnsԑmu fa Akan adeyԑ, nom, we, tafere ne gu ho en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account