UEWScholar Repository

Akan kasa mmara ho nhyehyԑe a ԑfa ɔkyerԑfo ne annya anyԑ kyerԑfo ho

Show simple item record

dc.contributor.author Kpedo, M.T.
dc.date.accessioned 2024-04-08T15:25:24Z
dc.date.available 2024-04-08T15:25:24Z
dc.date.issued 2022
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3028
dc.description Mpɛnsɛmpɛsɛnmu dwumadi a efi Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ Akan–Nzema kasa ho adesua so de kɔma “School of Graduate Studies” eyi ne ahiade biako a ɛbɛma Suapɔn no ama me Master of Philosophy (Ghanaian Languages Studies – Twi) a ɛwɔ University of Education, Winneba AYԐWOHUMUMMƆ, 2022 en_US
dc.description.abstract Nhwehwɛmu yi botae titiriw ne sɛ ɛhwɛ ↄkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo wↄ Akan kasa mmara nhyehyɛe ho. Akan nso yɛ kasa a ɛka kwa kasakuw no ho bi. Akyerɛwfo dodow no ara na wᴐakyerɛw afa ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo ho nanso wᴐn adᴐ asukᴐ ankᴐ Akan ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo ho. Ne saa nti ebehia sɛ meyɛ nhwehwɛmu bi fa ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo ho wᴐ kasa mmara nhyehyɛe ho. Saah ne Antwi Danso kasa faa ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerfo wᴐ ne kasa ntease ne nsɛmfuayɛ mu de nanso wᴐaka biribi amfa ne kasa mmara a egyina ne dwumadi ne gyinabea ahorow ho wᴐ Akan kasa mu. Bio, mede x-bar ne ↄkasasin mmobↄe mmara (phrase structure rules); na mede yɛɛ adwenmusɛm maa nhwehwɛmu no, sɛnea ɛbɛboa me ama mahu ↄkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo gyinabea wↄ ↄkasamu ahorow mu. Afei mede nkↄmmↄtwetwe, radio ne kasamfonini so kasebↄ ne nhoma ahorow bi te sɛ “Ɔbↄfo ba Ampomaa ne “mehunuiɛ a anka” a de dii dwuma. Afei nso, mihuu sɛ ↄkyerɛfo yɛ asɛmfua anaa nsɛmfua ɛnna annya anyɛ kyerɛfo yɛ nsɛmfua, ↄkasasin anaa ↄkasamufa a ɛkyerɛkyerɛ adeyɛ ne nea ɛkekaho mu. Ɛsan daa adi sɛ Akan kyerɛfo no dodow ara yɛ edin na ebi tumi ti ne ho mu na afei wↄn dwumadi nti na frɛ wↄn sɛ ↄkyerɛfo. Bio, nsɛmfua biara nni hↄ a wogyina hↄ ma Akan annya anyɛ kyerɛfo sɛ yɛbenya asɛmfua bi a ebetumi agyina hᴐ ma annya anyɛ kyerɛfo a gye sɛ yɛde (DE) abata asɛmfua no ho ansa na yetumi de adi dwuma wᴐ ᴐkasamu mu, na eyi tae da ne ho adi wᴐ yɛbea annya anyɛ kyerɛfo ho. Ne nyinaa mu no, dwumadi yi bɛboa ayi sintᴐ a ɛwᴐ ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo ho sɛ Akan kasa mmara nhyehyɛe. Eyi nkamfua, ᴐkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo gu ahorow nanso Akan ↄkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo gu mu ahorow asia enonom ne; yɛbea anoden, beae, bere, akyinyegye\ampayɛ ne dodow. Nea mede wie ne sɛ Akan ↄkyerɛfo ne annya anyɛ kyerɛfo wↄ kasa mmara nhyehyɛe mu no da ne ho adi wↄ ne gyinabea ahorow ne dwumadi mu pa ara. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education, Winneba en_US
dc.subject kasa mmara en_US
dc.subject nhyehyԑe a ԑfa ɔkyerԑfo en_US
dc.title Akan kasa mmara ho nhyehyԑe a ԑfa ɔkyerԑfo ne annya anyԑ kyerԑfo ho en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account