UEWScholar Repository

Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu

Show simple item record

dc.contributor.author Nkrumah, D.
dc.date.accessioned 2024-04-08T14:30:06Z
dc.date.available 2024-04-08T14:30:06Z
dc.date.issued 2021
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/3006
dc.description Mede dwumadie yi hy[ Akan-Nzema kasasua Aso[e[ a [w] Simpa Suap]n (UEW) nsa, na anam so ak]du Suap]n ne fa a ɛhwɛ masafo] adesua so h], s[nea [b[boa ama manya abodin krataa w] “Master of Philosophy” (Ghanaian Language Studies-Twi) mu afi Simpa Suapɔn mu. en_US
dc.description.abstract Dwumadie yi botaeɛ ne sɛ ɛrehwehwɛ Asante ahemfo afadeɛ mu nsɛnkyerɛnne ahodoɔ. Nhwehwɛmu yi mu no, mede nhwehwɛmu akwankyerɛ a ɛde nsɛmfua kyerɛkyerɛ biribi mu na ɛdii dwuma (na ɛde adesua a ɛhwɛ asetena mu amammerɛsɛm no kaa ho bi). Menam ahwɛe ne anobaebae nkitahodie ahodoɔ so gyegyee nsɛm firii nnipa a mede wɔn dii dwuma no nkyɛn. Nhwehwɛmu yi gyinaa ahemfo so. Na ahemfo no dodoɔ yɛ mmiɛnsa (3). Dwumadie yi kɔɔ so wɔ Asante ahenkuro Kumase (Manhyia) mu. Dwumadie yi amfa ahemfo no din ankasa na ɛdii dwuma, na mmom ɛde edin foforɔ na ɛdii dwuma (esiane mmaratoɔ nti). Nhwehwɛmu no gyinaa Mɔɔtimodaa Keretekaa Desekɔɔso Analesese adwenemusɛm so na yɛɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu no. Nsɛmmoano no mpɛnsɛmpɛnsɛmu no gyinaa nhwehwɛmu no nsɛmmisa ahodoɔ no so. Wɔde sikakɔkɔɔ ne ahosuo ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ne nkyerɛaseɛ no boa nsɛmpɔtitire a wɔreda no adi tiawa no na ɛyɛ afadeɛ no. Ԑbɛtɔɔ dwa sɛ, ɛnam abɛɛfo nimdeɛ ne suahunu nti wɔanya mfidie ahodoɔ a wɔde twa nnoɔma a wɔde yɛ afadeɛ ahodoɔ no nti wɔtumi saesae nsɛnkyerɛnne mmienu anaa mmiɛnsa wɔ mpaboa anaa abɔtire baako mu ma no yɛ kamakama. Afei nso kane no na wɔde wɔn nsa na ɛnwene kente ntoma ahodoɔ no nanso seisei deɛ wɔtumi de mfidie yɛ nsɛnkyerɛnne ahodoɔ gu ntoma ahodoɔ no mu a wɔfrɛ no Obama kente no. Ԑna wɔsanso wɔ adwini kente ntoma ahodoɔ no ka ho. Na ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu no mu sɛ, Ɔmanhene tumi soma Abirempɔn hene no mu bi. Ԑno nti wɔtumi siesie wɔn ho sɛ ɔhenpɔn na mmom ɛnyɛ berɛ biara na abirempɔnhene no bɛtumi afa afadeɛ a Ɔmanhene de siesie ne ho no bi asiesie ne ho. Saa ara nso na odikuro anaa ɔhene ketewa bi tumi de afadeɛ akɛseɛ no bi siesie ne ho wɔ ne kurom nanso ɔrentumi mfa nkɔ manhyia anaa ɔhene kɛseɛ bi anim. Mesusu sɛ, sɛ yɛnya Akanfoɔ amammerɛ nwoma a ahemfo afadeɛ ahodoɔ no redi ahim wɔ mu ma yɛn sukuu ahodoɔ no a ɛbɛboa ɔman no mu adesuafoɔ. Afei, mesusu sɛ nhwehwɛmufoɔ mfa wɔn ani nkyerɛ Asante ahemaa afadeɛ so na wɔnyɛ nhwehwɛmu mapa mfa ho na ɛbɛboa yɛn ama yɛasua deɛ yɛnnim fa ho, ɛfiri sɛ ɛfa ne fa kabom a na ɛyɛ pepe. Mpo wɔbɛtumi ayɛ nhwehwɛmu yi bi wɔ kasa foforɔ mu na aboa yɛn asetena. en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education Winneba en_US
dc.subject Asante en_US
dc.subject Ahemfo en_US
dc.subject Afadie en_US
dc.title Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account