Abstract:
Nhwehwjmu yi yjj mpjnsjmpjnsjmu jwc Kwabena Adi (1975) anwonsjm nwoma “MEWC
BI KA” mu hwjj kasasuo ahodoc, nsjmpc atitire ne anwonsjm ahodoc no nhyehyjej. Mede
Hymes (1974) Kasapa Nnyinasoc (SPEAKING) Ticri ne Ferdinand de Saussure (1983)
nhyehyjej (Structuralism) Ticri dii dwuma de hwjj dej enti a ctwerjfoc no de nsjmfua
ahodoc bi ne kasasuo ahodoc binom dii dwuma. Afei, jnam sj nwoma a merepjnsjmpjnsjm
mu yi yj dej adesuafoc a wcwc ntoasoc sukuu resua enti no, mefaaa nsrahwj,
nkcmmctwetwee ne atwerj kwan so paww nnipa aduasa num a wcn mu aduonu yj mmarima
a wcn mu mmienu yj Asante Twi akyerjkyerjfoc na wcn mu edumum yj mmaa ne wcn
twetwee nkcmmc gyee wcn nso mmoa. Saa nsrahwj dwumadie yi kcc so jwc Nkonaman
Senior High School, Bono mantam. Nhwehwjmu no mu no, jbjdaa adi maa mehunuu sj,
anwonsjm no nyinaa nhyehyjej yj ntiantia.Yjhunuu sj nsjmpctitire bi te sj; “Onipa yj adej
a, csj ayeyie”, “Nkwa sene biribiara”, “Obiara ho nnejma jnso no akwankc”, “Nipa wc
baabi kc” ne dej jkeka ho. Saa ara nso na nhwehwjmu no mu mehunuu sj ctwerjfoc no de
kasasuo ahodoc binom tete sj abjbuo, kasakoa, sj-nipa, abirabc, ntimu, nnyinahcma,
ntotohosjm ne anihanehane dii dwuma. Cnwonfoc no de saa nnejma ahodoc yi nyinaa guu
akwan mu wc merj a crenwono n’anwonsjm no sjnea jbjyj a jbjboa ama n’anwono no ada
nimdej soronko binom adi na ama nsjm ahodoc binom nso ayera ananafoc. Afei, dwumadie
yi bjboa adesuafoc, akyerjkyerjfoc ne wcn a wcwc pj pa sj daakye bi wcbjyj nhwehwjmu
afa kasadwini ho ama wcanya nimdej mapa afiri dwumadie yi mu de aboa wcn ankasa dej.
Description:
Mpɛnsɛmpɛsɛnmu dwumadie a ɛfiri Suapɔn yi ne fa a ɛhwɛ Akan–Nzema kasa ho
adesua so de kɔma “School of Graduate Studies”
Yei ne ahiadeɛ baako a ɛbɛma Suapɔn no ama me
Master of Philosophy
(Ghanaian Languages Twi)
ɛwɔ University of Education, Winneba.