UEWScholar Repository

Nsakrae a aba akwamufo ayiyɛ mu

Show simple item record

dc.contributor.author Odame, C.O
dc.date.accessioned 2024-02-26T10:23:18Z
dc.date.available 2024-02-26T10:23:18Z
dc.date.issued 2017
dc.identifier.uri http://41.74.91.244:8080/handle/123456789/2189
dc.description Mede dwumadi yi hyɛ Akan-Nzema Kasasua Asoɛe a ɛwɔ Simpa Suapɔn (UEW) nsa, na anam so akodu suapɔn ne fa a ɛhwɛ masafo adesua so hɔ, sɛnea ɛbɛboa ama manya abodin krataa wɔ adwenemusɛm mu abodin afi Simpa Suapɔn mu. Oforisuo, 2017 en_US
dc.description.abstract Nhwehwԑmu yi fa Akwamufo ayiyɛ ho ne nsakrae a aba mu. Nea enti a meyɛɛ saa nhwehwɛmu yi ne sɛ mɛboa Akanfo na wɔahu nsakrae ahorow a aba Akwamufo ayiyɛ mu. Nhwehwɛmu yi mu na makyerɛ nsakrae a aba amu asiesie mu, ne deda, nnawɔtwe da a abusua di, fundaka ahorow, ayiase afade ne wɔn a wɔsoa fundaka mu. Afei makyerɛ nsakrae a aba kunayɛ mu, agoru a abusua fa wɔn, aduan ne nsa a wɔde som ahɔhow. Midii me dwuma no wɔ Apuei Mantam na mede nkurow ahorow anum a ɛyɛ Akwamufie, Gyakiti, Nnudu, Aboasa ne Akrade na ɛyɛe. Nea ɛboaa me ma mitumi dii dwuma yi ne sɛ, mede nkɔmmɔtwetwe, mfonitwa ne ahwɛe na ɛyɛɛ nhwehwɛmu yi. Mitwitwaa mfoni ahorow wɔ ayi a mekɔɔ ase. Mankyerɛw me nsɛmmisa no angu krataa so mmom mekɔɔ nhwehwɛmufo no nkyɛn ne wɔn kɔtwetwee nkɔmmɔ sɛnea ɛbɛboa me na metumi anya nea merehwehwɛ yiye. Nhwehwɛmu yi daa no adi sɛ, nsakrae ahorow bebree na aba Akwamufo ayiyɛ mu efi da a onipa no bewu kɔpem sɛ abusuafo besie no. Ne korakora no, nhwehwɛmu yi de nsunsuanso (papa ne bɔne) a nsakrae a aba wɔ Akwamufo ayiyɛ mu no de aba ne nea daakye biara misusuw sɛ ebetumi asi no de to gua. Dwuma no awiei no de to dwa sɛ, ɛtwa sɛ ɔmanfoɔ hwɛ nsakrae a aba no yie na aboa yɛn ama yɛatumi asi nsunsuanso bɔne no ano kwan na yɛde nsunsuanso pa no nso di dwuma en_US
dc.language.iso en en_US
dc.publisher University of Education,Winneba en_US
dc.subject Nsakrae en_US
dc.title Nsakrae a aba akwamufo ayiyɛ mu en_US
dc.type Thesis en_US


Files in this item

This item appears in the following Collection(s)

Show simple item record

Search UEWScholar


Browse

My Account